Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 1

Yesu Awo

18 Sɛnea Yesu Kristo awo ho nsɛm te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef ɔnware no, nanso ansa na wobehyia mu awarefo no, ohuu wanyinsɛn; nea efi Honhom Kronkron. 19 Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a odi ne ho ni no ampɛ obegu Maria anim ase nti ɔyɛɛ nʼadwene obegyaa no aware kokoa mu.

20 Bere a asɛm no ayɛ Yosef dadwen no, Awurade bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no dae mu. Ɔbɔfo no kae se, "Yosef, Dawid ba, nsuro wobɛfa Maria wo yere efisɛ ne nyinsɛn no fi Honhom Kronkron. 21 Ɔbɛwo ɔbarima na woato no din Yesu, ase ne Agyenkwa, efisɛ ɔno na obegye ne nkurɔfo nkwa afi wɔn bɔne mu."

Veja também