Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 10

Yesu Soma Asuafo Dumien No

1 Yesu frɛɛ nʼasuafo dumien no baa ne nkyɛn, na ɔmaa wɔn tumi wontu ahonhommɔne na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.

2 Yesu asuafo dumien no din ni:

Simon a ne din baako ne Petro ne ne nua Andrea;

Yakobo ne ne nua Yohane a wɔyɛ Sebedeo mma no,

3 Filipo ne Bartolomeo,

Toma ne towgyefo Mateo,

Yakobo, Alfeo ba ne Tadeo,

4 Simon a ofi Kana ne Yuda Iskariot a akyiri no, oyii Yesu mae no.

5 Yesu somaa asuafo dumien no hyɛɛ wɔn se, "Monnkɔ nea amanamanmufo anaa Samariafo kurow biara mu, 6 na mmom monkɔ Onyankopɔn nguan a wɔwɔ Israel a wɔayera no nkyɛn. 7 Monkɔka nkyerɛ wɔn se, Onyankopɔn Ahenni no abɛn! 8 Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, na muntu ahonhommɔne. Sɛnea munyaa no kwa no, saa ara na mo nso na momfa mma kwa.

9 "Mommmfa sikakɔkɔɔ, dwetɛ anaa kɔbere biara mmɔ mo ho. 10 Mommmfa akwantukotoku anaa ntade anaa mpaboa anaa pema. Ɛsɛ odwumayɛni didi. 11 Kurow biara a mobɛkɔ mu anaa akuraa biara a mobɛkɔ ase no, monhwehwɛ onipa a onyamesuro ne mu akyi kwan na montena ne nkyɛn kosi da a mubefi akɔ baabi foforo. 12 mokɔ ofi bi mu a, munkyia wɔn se, Asomdwoe nka mo! 13 saa ofi no mufo gye mo fɛw so a, munhyira wɔn, na wɔannye mo de a, momfa mo asomdwoe. 14 morefi ofi anaa kurow biara a wɔannye mo mu no mu akɔ a, momporoporow ofi no anaa kurow no mu mfutuma a ɛwɔ mo nan ase no ngu .10.14 Eyi yɛ nea Farisifo yɛ bere a wofi baabiara a wobu sɛ amanamanmufo atena hɔ nti ɛhɔ agu fi no. Ɛyɛ kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma wɔn a wɔpo Awurade asɛm no. 15 Nokware ni, atemmuda no, Sodom ne Gomora mpo benya baabi agyina Onyankopɔn anim sen saa kurow no.

16 "Monkae meresoma mo nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere awɔ na munnwo mmorɔnoma. 17 Nanso monhwɛ yiye nnipa ho! Wɔbɛkyere mo adi mo asɛm, abɔ mo mmaa wɔn asɔredan mu. 18 Me nti, wɔde mo bɛkɔ atumfo ne ahene anim. Eyi bɛma moanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufo no. 19 wɔkyere mo a, munnnwinwen asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano ho. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo bere a ɛsɛ mu. 20 Asɛm a mobɛka no remfi mo, na mmom, mo ɔsoro Agya no honhom na ɔnam mo so bɛkasa.

21 "Onua beyi onua ama na wɔakum no. Saa ara na agyanom nso beyi wɔn mma ama. Mma bɛsɔre atia wɔn awofo ama wɔakum wɔn. 22 Me nti, nnipa nyinaa bɛtan mo. Nanso nea obetumi agyina pintinn akosi awiei no na wobegye no nkwa. 23 wɔtaa mo kurow baako mu a, munguan nkɔ kurow foforo mu. Mereka nokware akyerɛ mo se morenwie Israel nkurow nyinaa mu adwumayɛ ansa na Onipa Ba no aba.

24 "Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso nsen ne wura. 25 Osuani sua ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nso sua ne wura. Enti me a meyɛ ofi no ti no wɔfrɛ me Ɔbonsama, dɛn din na wɔremfa mfrɛ mo!

26 "Munnsuro wɔn. Mmere bi bɛba a nokware no bɛda adi. Nea wɔyɛ no kokoa mu no nyinaa bɛda adi. 27 Nea mereka akyerɛ mo sum mu yi, monka hann mu. Nea mereka agu mo asom yi, mompae mu nka adan atifi. 28 Munnsuro wɔn a wobetumi akum mo nipadua nanso wɔrentumi nkum mo kra no. Onyankopɔn a obetumi akum onipadua no ne ɔkra amanehunu kurom no nko ara na munsuro no. 29 Wɔtɔn akasanoma gye ahe? Nkasanoma abien bo nyɛ sika kakraa bi ? Nanso akasanoma biara nni a obewu a mo Agya no nnim ho biribi. 30 Mo tinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. 31 Enti munnsuro! Mosom bo ma Onyankopɔn sen nkasanoma.

32 "Obiara a ɔbɛka se onim me nnipa anim no, me nso mɛka se minim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim. 33 Na obiara a ɔbɛka se onnim me nnipa anim no, me nso mɛka se minnim no mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no anim.

Ɛnyɛ Asomdwoe, Ɛyɛ Ɔko

34 "Munnsusuw mede asomdwoe na ɛbaa asase yi so! Ɛnyɛ asomdwoe na mmom afoa na mede bae. 35 Maba mɛma,

" ɔbabarima asɔre atia nʼagya,

na ɔbabea asɔre atia ne na,

na ɔbea warefo nso asɔre atia nʼasebea.

36 Obiara tamfo a ne ho hu no befi nʼankasa ne fi.

37 "Nea ɔdɔ nʼagya anaa ne na kyɛn me no rentumi nyɛ me de. Saa ara na nea ɔdɔ ne babarima anaa ne babea kyɛn me no rentumi nyɛ me de ara ne no. 38 obi amfa nʼasennua na wammedi mʼakyi a, ɔrentumi nyɛ me de. 39 woma wo kra som wo bo a, wobɛhwere wo kra no, nanso me nti wohwere wo kra a, wo nsa bɛka.

40 "Obiara a ogye mo no gye me, na nea ogye me no nso gye Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 41 wugye odiyifo bi ɔyɛ Onyankopɔn nipa nti a, wobetua wo so ka odiyifo no ara . Na wugye nnipa trenee a, wubenya akatua onipa trenee. 42 Na obiara a ɔbɛma mʼakyidifo yi mu akumaa bi nsu anom no, onii no akatua remmɔ no da."

Veja também