Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 12

10 Ohuu ɔbarima bi ɔdan mu a na ne nsa baako awu. Farisifo no bisaa Yesu se, "Enti mmara ma ho kwan obi sa yare Homeda ana?"12.10 Mmara akyerɛkyerɛfo mma ayaresa ho kwan homeda; gye sɛ wohu sɛ, sɛ wɔansa ɔyarefo no yare da no ara na ade kye a, obewu. Obi a na ne nsa awu no de, na ɛnyɛ nea owu hunahuna no. Wobisaa eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan atoto nʼano na wɔakyere no!

11 Yesu buaa wɔn se, "Mo mu hena na ɔwɔ oguan baako na ɔkɔtɔ amoa mu Homeda a, ɔrenyi no? Ɔkwan biara so wobɛkɔ akoyi no. 12 Onipa som bo sen oguan! Eyi nti ɛwɔ ho kwan wɔyɛ papa Homeda."

13 Afei Yesu ka kyerɛɛ nea ne nsa awu no se, "Teɛ wo nsa!" Ɔyarefo no teɛɛ ne nsa. Ɔteɛɛ ne nsa no ahoɔden baa mu ma ɛyɛɛ baako no.

Veja também