Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateo 12

Yesu Ne Na Ne Ne Nuanom

46 Bere a Yesu reka asɛmpa akyerɛ nnipadɔm ofi bi mu no, ne na ne ne nuanom begyinaa afikyiri pɛɛ wɔne no kasa. 47 Nnipa a wɔwɔ no mu baako kɔka kyerɛɛ Yesu se, "Wo na ne wo nuanom gyina afikyiri wɔne wo kasa."

48 Yesu kae se, "Hena ne me na? Ɛhefo ne me nuanom?" 49 Ɔkaa saa no, ɔde ne nsa kyerɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Eyinom ne me na ne me nuanom." 50 Ɔsan kaa bio se, "Obiara a ɔbɛyɛ mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no apɛde no, ɔno ne me nuabarima, ne me nuabea ne me na."

Veja também