Nwura Ho Bɛ
24 Yesu de bɛ foforo kaa asɛm se, "Ɔsoro Ahenni no te sɛ okuafo bi a oduaa aburow wɔ nʼafum. 25 Da koro anadwo a wada no, ne tamfo nso beduaa nwura fraa aburow a wadua no. 26 Aburow no renyin no, na nwura no nso renyin.
27 "Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, ‘Owura, aburow a wuduae no, nwura bi afifi wɔ ase!’
28 "Okuafo no buae se, ‘Ɔtamfo bi na oduae!’
"Apaafo no bisaa no se, ‘Wopɛ sɛ yekotutu saa nwura no ana?’
29 "Obuaa wɔn se, ‘Dabi da!’ Anyɛ a na moatutu aburow no bi afra nwura no. 30 Momma ne nyinaa nyin nkosi twabere na mama atwafo ayiyi nwura no afi aburow no mu ahyew no, na wɔde aburow no nso agu asan so."