Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 13

3 Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn mmebu mu se, "Da bi okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba. 4 Ogu so regu no, aba no bi guu ɔkwan mu maa nnomaa bɛsosɔw ne nyinaa. 5 Bi nso koguu ɔbotan so. Ankyɛ na aba no fifii. 6 Esiane na dɔte a ɛwɔ ɔbotan no so sua no nti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyewee. 7 Aba no bi nso guu nsɔe mu, na nsɔe no nyin no emiaa no. 8 Aba no bi guu asase pa mu. Enyin, sow aba mmɔho aduasa; bi aduosia na afoforo nso ɔha. 9 Nea ɔwɔ aso no, ma ontie!"

Veja também