Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateo 14

Yesu Nantew Nsu Ani

22 Nnipadɔm no didi wiee na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔntena ɔkorow no mu nni kan ntwa nkɔ asuogya nohɔ na ɔno de, ɔretena agya nnipa no kwan. 23 Ogyaa wɔn kwan wiee no, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae. Onwini dwoe no, na aka Yesu nko ara nea ɔwɔ . 24 Saa bere no na ɔkorow a asuafo no te mu no adu akyiri. Mframa fii ase bɔɔ dennen maa po no bɔɔ asorɔkye dwiradwiraa ɔkorow no a asuafo no te mu no.

25 Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan bere mu no, Yesu nantew po no ani baa asuafo no nkyɛn. 26 Bere a asuafo no huu obi ɔnam asu no ani reba wɔn nkyɛn no wosuroe, efisɛ na wosusuw wɔahu ɔsaman. Ɛmaa wɔde hu teɛteɛɛ mu.

27 Ntɛm ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!"

28 Petro ka kyerɛɛ no se, "Awurade, ɛyɛ wo de a, ka kyerɛ me na me nso memfa asu no ani mmra wo nkyɛn."

29 Yesu ka kyerɛɛ Petro se, "Bra!"

Petro fii ɔkorow no mu sii asu no ani, nantew ɔrekɔ Yesu nkyɛn. 30 Nanso ohuu mframa a ɛrebɔ no ne ho popoe. Ofii ase ɔremem. Ɔteɛteɛɛ mu, frɛɛ Yesu se, "Awurade, gye me na meremem!"

31 Ɛhɔ ara, Yesu teɛɛ ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro se, "Wo a wo gyidi sua, adɛn na wunnye me nni?"

32 Yesu ne Petro kɔtenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee . 33 Asuafo a wɔwɔ ɔkorow no mu no de ahodwiriw bɛkotow Yesu kae se, "Onyankopɔn Ba ne wo ampa!"

Veja também