25 Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan bere mu no, Yesu nantew po no ani baa asuafo no nkyɛn. 26 Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani reba wɔn nkyɛn no wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. Ɛmaa wɔde hu teɛteɛɛ mu.
27 Ntɛm ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!"