3 Yesu nso bisaa wɔn se, "Adɛn nti na mo nso mode mo amanne no bu Onyankopɔn mmaransɛm so? 4 Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka se, ‘Di wʼagya ne wo na ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofo ho no, ɛsɛ sɛ wokum no,’ 5 Na mo de, nea moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne na anaa nʼagya se, ‘Mewɔ ade bi a anka metumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne. 6 Enti mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo na ni no so. 7 Mo nyaatwomfo! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ,
8 " ‘Saa nnipa yi ka sɛ wodi me ni,
nanso wɔn koma mmɛn me.
9 Wɔsom me ani so kɛkɛ,
efisɛ wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.’ "