Farisifo Ne Sadukifo Mmɔkaw
5 Asuafo no twa kɔɔ asuogya nohɔ no, wɔkae se anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduan. 6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo nyaatwom a ɛte sɛ mmɔkaw no ho."
7 Asuafo no susuw sɛ gyama wonkura aduan biara no nti na Yesu kaa saa.
8 Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mo a mo gyidi sua! Adɛn na ɛhaw mo sɛ moamfa aduan? 9 Enti ebesi nnɛ monte ase ana? Mo werɛ afi brodo anum a mibubuu mu maa nnipa mpem anum no ne ase mporoporowa kɛntɛn a ɛkae no? 10 Mo werɛ asan afi brodo ason a mede maa nnipa mpem anan ne nea ɛkae no? 11 Adɛn nti na modwene sɛ aduan ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresan aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yiye wɔ Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho.’ " 12 Afei asuafo no tee nea ɔkae no ase sɛ, Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifo ne Sadukifo nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.