Ɔkɛse Koraa Wɔ Ɔsoro Ahenni Mu
1 Saa bere no mu na Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse Ɔsoro Ahenni no mu.
2 Yesu frɛɛ abofra ketewa bi de no begyinaa wɔn mfimfini. 3 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Merema mo ate ase sɛ, gye sɛ motwe mo ho fi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmofra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mubetumi akɔ Ɔsoro Ahenni no mu." 4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛse koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu.