Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 18

Ɔkɛse Koraa Ɔsoro Ahenni Mu

1 Saa bere no mu na Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse Ɔsoro Ahenni no mu.

2 Yesu frɛɛ abofra ketewa bi de no begyinaa wɔn mfimfini. 3 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Merema mo ate ase , gye motwe mo ho fi mo bɔne ho, na moyɛ mmofra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mubetumi akɔ Ɔsoro Ahenni no mu." 4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase abofra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛse koraa Ɔsoro Ahenni mu. 5 Na mo mu biara a, me nti obegye abofra ketewa biara te oyi no, wagye me nso aba ne nkyɛn.

6 "Enti obi to mmofra nketewa a wogye me di yi bi hintidua a, eye ma no anka wɔde ɔbotan bɛsɛn ne kɔn mu atow no akyene po mu. 7 Wiase nnue ne hintiduato ho! Hintiduato de, nanso nea ɛnam ne so bɛba no nnue. 8 Enti wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa na tow kyene. Eye ma wo wode dɛmdi bɛkɔ ɔsoro sen wɔde wo nipamu bɛto ogyatannaa mu. 9 Na wʼani to wo hintidua a, tu na tow kyene. Eye ma wo wode ani koro bɛkɔ ɔsoro sen wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu.

Oguan A Wayera No Ho

10 "Monhwɛ yiye na moammu saa mmofra nketewa yi mu baako koraa animtiaa. Mereka akyerɛ mo se, ɔsoro no, wɔn abɔfo mʼagya nkyɛn daa. 11 Na me, Agyenkwa no, mebae merebegye wɔn a wɔayera no nkwa.

12 "onipa bi nguan ɔha, na wɔn mu baako kokyin na ɔyera a, dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennyaw aduɔkron akron no nkokyinkyin mmepɔw so ne abon mu nhwehwɛ nea wayera no? 13 Na ɛba ohu saa oguan no a, nʼani gye ne ho sen aduɔkron akron a wɔwɔ fie no. 14 Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ nketewa yi mu baako bɛyera.

Wʼasɛde Onua Fom Ho

15 "wo nua fom wo a, ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka nea ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo no. otie nea woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua. 16 Na wantie nso a, san fa onipa baako anaa baanu ka wo ho ne nkyɛn, na nnipa baanu anaa baasa no adi nea ebesi no nyinaa ho adanse. 17 wantie wo ara a, fa asɛm no kɔma asafo. Na wudi bem asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfi wɔn mu.

18 "Mereka akyerɛ mo se, biribiara a mokyekyere asase so no, wɔakyekyere ɔsoro, na biribiara a moasan asase so no, wɔasan ɔsoro.

19 "Meresan aka akyerɛ mo bio se, mo mu baanu biara a ɔte asase yi so hwehwɛ biribi na ɔde nokware bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama no. 20 Na nea baanu anaa baasa ahyia me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini."

Ɔpaani Tirimuɔdenfo No

21 Petro baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, "Awurade, mpɛn ahe na me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn ason ana?"

22 Yesu buaa no se, "Dabi! Mpɛn aduɔson ahorow ason!

23 "Ɔsoro Ahenni no te ɔhene bi a ɔpɛɛ ɔne nʼapaafo bu nkontaa. 24 Nkontaabu no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem du brɛɛ no. 25 Esiane na onni sika a ɔde betua ka no nti, ɔhene no hyɛɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmetua ka no.

26 "Ɔpaani yi de nʼanim butuw fam, srɛɛ ne wura yi , Me wura, hu me mmɔbɔ, na wo bo ase ma me, na mɛba abetua ka a mede wo no nyinaa. 27 Ɔpaani yi asɛm a ɔkae no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ogyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.

28 "Saa ɔpaani yi fii no, okohuu ne yɔnko paani bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Otim no amene ontua no ka a ɔde no no ara.

29 "Na ne yɔnko paani no kotow paa no kyɛw ɔntɔ ne bo ase mma no, na obetua ka no.

30 "Nanso ɔno de, wampene. Ɔma wɔde no kɔtoo afiase se gye watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no. 31 Ɔkafo yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.

32 "Ɔhene no tee no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no se, Onipa bɔne ne otirimɔdenfo! Wosrɛɛ me no, mede ka kɛse a wode me no nyinaa kyɛɛ wo; 33 ɛnsɛ wo wo nso wuhu wo yɔnko mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no ana? 34 Ɔhene no de abufuw ma wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kae se, gye watua ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no.

35 "Saa ara na moamfa mo nuanom mfomso ankyɛ wɔn a, me soro Agya nso remfa mo mfomso nkyɛ mo."

Veja também