Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 2

Anyansafo A Wofi Apuei No

1 Bere a Ɔhene Herode di ade no na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea. 2 Saa bere no ara mu na anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem bebisae se, "Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no ? Yehuu ne nsoromma apuei nohɔ, nti na yɛaba yɛrebɛsom no."

3 Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaw ɔne Yerusalemfo nyinaa adwene yiye. 4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, "Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?" 5 Wobuaa no se, "Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na eyi ne nea odiyifo no kae:

6 " Ao kurow Betlehem, wo a

woyɛ otitiriw Yudaman mu,

wo mu na meyi nea obedi

me man Israel anim ahwɛ wɔn so.’ "

7 Ɔhene Herode frɛɛ anyansafo no kokoa mu bisaa wɔn bere pɔtee a wohuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn se, 8 "Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abofra no. muhu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi."

9 Anyansafo no tiee ɔhene no asɛm no wiei no, wɔkɔe. Wɔrekɔ no, nsoromma a wohuu apuei no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Edii wɔn anim kosii faako a wɔawo abofra no Betlehem . 10 Bere a wohuu nsoromma no, wɔn ani gyee mmoroso. 11 Woduu ofi2.11 Anyansafo no ankɔhwɛ Yesu bere a ɔda mmoa adididaka mu sɛnea na amanne te ne sɛnea nguanhwɛfo no kɔhwɛɛ no no. Mmom, asram bi akyi no, wɔkɔhwɛɛ "abofra" no wɔ ne "fi." a abofra no ne ne na Maria mu no, wɔkotow sɔree no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ. 12 Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ se wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn bio Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.

Wɔbɔ Wɔn Ho Aguaa Misraim

13 Anyansafo no akyi no, Awurade bɔfo soo Yosef dae se, "Sɔre fa abofra no ne ne na na monkɔ Misraim nkɔtena nkosi mɛkyerɛ mo bere a mobɛsan aba. Efisɛ Ɔhene Herode rehwehwɛ abofra no akum no."

14 Anadwo no ara Yosef faa abofra no ne Maria sii mu kɔɔ Misraim, 15 ma wɔtenaa kosii Ɔhene Herode wui. Eyi na ɛmaa nea Awurade nam odiyifo no so kae se, "Mafrɛ me Ba afi Misraim" no baa mu.

Betlehem Mmofra No Kum

16 Herode huu anyansafo no adaadaa no no, ne bo fuw mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafo se wɔnkɔ Betlehem ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkokunkum nkokoaa mmarimaa kosi wɔn a wɔadi mfe abien so, sɛnea anyansafo no bere a wɔkae wɔwoo abofra no mu no kyerɛ no. 17 Nea wɔnam odiyifo Yeremia so kae no baa mu se,

18 "Wɔte nne bi Rama.

Ɛyɛ osu ne agyaadwo;

Rahel resu ne mma;

na ɔmpɛ wɔkyekye ne werɛ,

efisɛ wɔnte ase bio."

Wɔsan Ba Nasaret

19 Herode wu akyi no, Awurade bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef dae mu Misraim ka kyerɛɛ no se, 20 "Sɔre na fa abofra no ne ne na Israel asase so, efisɛ wɔn a wɔpɛe wokum abofra no awuwu."

21 Yosef faa abofra no ne ne na san kɔɔ Israel asase so bio. 22 Yosef tee Arkelao2.22 Ɔhempɔn Herode ba yi dii ade sɛ ɔhene wɔ Yudea ne Samaria mfirihyia du pɛ. (4 AYA–6 YAA) Na ɔyɛ otirimɔdenfo ne nhyɛsotraso. Eyi ma wotuu no ade so maa Yudea bɛyɛɛ Roma mantam a na wotua tow ma Roma Ɔhempɔn no ananmusini. a ɔyɛ Herode ba na odi hene Yudea saa bere no mu no, osuroo ɔbɛkɔ . Awurade san soo no dae foforo bio ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.2.22 Yesu bere so no, na Galilea da Ɔman Kronkron no atifi fam. 23 Enti wɔkɔtenaa kurow Nasaret mu. Eyi nso maa nea adiyifo no kae se, "Wɔbɛfrɛ no Nasareni" no baa mu.

Veja também