Ɛna Bi Adesrɛ
20 Sebedeo mma Yakobo ne Yohane ne wɔn na baa Yesu nkyɛn. Ɔbea yi de adesrɛde bi bɛtoo Yesu anim.
21 Yesu bisaa no se, "Dɛn na wopɛ sɛ menyɛ mma wo?"
Obuaa no se, "Mepɛ sɛ, sɛ wokɔ wʼahenni mu a, me mma baanu yi mu baako tena wo nifa so, na ɔbaako nso tena wo benkum so."
22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, "Wunnim nea worebisa no." Afei ɔdan ne ho bisaa Yakobo ne Yohane se, "Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom ano no bi ana?"
Wobuaa no se, "Yebetumi!"
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Me kuruwa ano de, mubetumi anom, nanso minni tumi sɛ miyi wɔn a wɔbɛtena me nifa anaa me benkum so. Saa afa no wɔ hɔ ma wɔn a mʼAgya ayi wɔn no."