Anifuraefo Baanu Hu Ade
29 Yesu ne nʼasuafo fi Yeriko rekɔ no, nnipadɔm tu dii wɔn akyi. 30 Wɔrekɔ no, wɔkɔfaa baabi a anifuraefo baanu bi tete. Anifuraefo yi tee sɛ Yesu retwa mu no, wɔteɛteɛɛ mu se, "Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!"
31 Nnipadɔm a wodi Yesu akyi no teɛteɛɛ wɔn se wommua wɔn ano. Nanso anifuraefo no kɔɔ so teɛteɛɛ mu se, "Awurade, Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ!"
32 Yesu duu nea wɔtete hɔ no, ogyina bisaa wɔn se, "Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?"
33 Wɔka kyerɛɛ no se, "Awurade, yɛpɛ sɛ yehu ade!"
34 Anifuraefo no yɛɛ Yesu mmɔbɔ. Ɔde ne nsa kekaa wɔn ani, na prɛko pɛ wohuu ade, na wodii nʼakyi.