17 Ka ma yentie. Eye sɛ woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?"
18 Yesu huu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mo nyaatwomfo! Adɛn nti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ? 19 Momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me." Wɔde bi kyerɛɛ no. 20 Obisaa wɔn se, "Hena mfoni na ɛda so, na hena din nso na ɛwɔ so?"
21 Wobuaa se, "Kaesare."
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn."