23 Sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohɔ anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, munnnye nni. 24 Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔayɛ anwonwade ahorow na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no mpo. 25 Monhwɛ yiye, efisɛ maka biribiara akyerɛ mo!
26 "Enti sɛ obi ka kyerɛ mo se, ‘Agyenkwa no asan aba na ɔwɔ sare so a,’ monnhaw mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no. Anaasɛ nso wose, ‘Ɔde ne ho asie baabi a,’ munnnye nni!