Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 24

Ɔhaw Ne Ɔtaa

3 Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔte no, nʼasuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, "Bere bɛn na nea woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnne bɛn na ɛbɛma yɛahu wo ba a wobɛsan aba bio no ne wiase awiei a ɛbɛba no?"

4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Monhwɛ na obi annaadaa mo. 5 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka se, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 6 mote wɔafi akodi ase a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsan aba no ho nsɛnkyerɛnne. Ɛsɛ eyinom ba, nanso awiei no de, ennya mmae.

Veja também