Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 25

36 Medaa adagyaw na mufuraa me ntama. Meyaree, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.

37 "Saa bere no mu na atreneefo bebisa se, Owura, da bɛn na yehuu wo ɔkɔm de wo a, yɛmaa wo aduan, na osukɔm de wo a yɛmaa wo nsu nomee? 38 Afei da bɛn na yehuu woyɛɛ ɔhɔho, a yɛde wo kɔɔ yɛn fi, anaasɛ wodaa adagyaw a, yefuraa wo ntama? 39 Afei da bɛn na yehuu woyaree a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?

40 "Na Ɔhene no, bebua wɔn se, moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!

Veja também