Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 26

Yesu Mpae Getsemane

36 Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ Getsemane. Woduu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Montena ha na merekɔ akɔbɔ mpae." 37 Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fii ase howee, na ne ho nso yeraw no. 38 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Awerɛhow ahyɛ me kra so de owu mu. Montena ha na mo ne me nwɛn."

39 Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se, "MʼAgya, ebetumi a, ma wonyi kuruwa yi mfi me so. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ na ɛnyɛ nea mepɛ."

40 Na ɔsan baa asuafo baasa no nkyɛn behuu wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no se, "Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwerew baako mpo? 41 Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no de, nanso ɔhonam no mmerɛw!"

42 Ɔsan gyaw wɔn nea ɛto so abien kɔbɔɔ mpae se, "MʼAgya, wɔrenyi kuruwa yi mfi me so, na nom ara na ɛsɛ menom a, nea wopɛ nyɛ."

43 Ɔsan baa wɔn nkyɛn bio behuu wɔn wɔadeda efisɛ na wɔn ani kum yiye. 44 Ɔsan kɔɔ mpaebɔ a ɛto so abiɛsa so kɔbɔɔ mpae kaa asɛm koro no ara.

45 Ɔsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, "Afei de, monna na monhome. Nanso dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa! 46 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!"

Veja também