Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 28

Yesu Asɔre

1 Homeda no akyi Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɔda no so.

2 Asase wosow denneennen, na Awurade bɔfo sian fii ɔsoro ba bepirew ɔbo no fii ɔda no ano, na ɔtenaa so. 3 Nʼanim hyerɛn te kanea na nʼatade fitaa te nwera. 4 Awɛmfo no huu no no, ehu maa wɔn ho popoe, na wɔhwehwee ase, dan awufo.

5 Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, "Munnsuro! Minim morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no, 6 nanso onni ha. Wasɔre sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda no. 7 Afei monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafo no se, Wasɔre afi awufo mu, na ɔredi mo anim kan akɔ Galilea akohyia mo .Eyi ne nkra a mewɔ de ma mo."

8 Mmea no de ehu ne anigye a adi afra tutuu mmirika fii ɔda no so , wɔrekɔhwehwɛ asuafo no aka ɔbɔfo no nkra no akyerɛ wɔn. 9 Wɔrekɔ no, prɛko , Yesu begyinaa wɔn anim. Okyiaa wɔn se, "Asomdwoe nka mo." Wobuu no nkotodwe, som no. 10 Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Munnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no se wɔnkɔ Galilea nkohyia me ."

Nea Awɛmfo No Kae

11 Bere a mmea no rekɔ kurow no mu no, awɛmfo a wɔwɛn ɔda no mu bi kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn kɔkaa nea asi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 12 Yudafo mpanyin no nyinaa hyiae, na wosii no gyinae se, wɔbɛma awɛmfo no sika aka akyerɛ wɔn 13 se, "Monka se, Anadwo a yɛdae no na nʼasuafo no ba bewiaa amu no kɔe.’ " 14 Wɔhyɛɛ awɛmfo no se, "ɛba amrado te ɛho asɛm a, yebedi mo adanse sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee." 15 Eyi nti awɛmfo no gyee sika no kɔyɛɛ sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkae no trɛw faa Yudafo no mu nyinaa na wogye dii de besi nnɛ.

Ɔsoma Kɛse No

16 Afei asuafo dubaako no sii mu kɔɔ Galilea bepɔw a Yesu kae se wɔnkɔ so no so. 17 Ɛhɔ na wohuu no, kotow, sɔree no. Nanso na wɔn mu bi nnye nni ara. 18 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, "Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. 19 Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, 20 na monkyerɛkyerɛ wɔn , wonni nea mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei."

Veja também