Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 3

Osuboni Yohane Asɛnka

1 Bere a Yesu ne nʼawofo Nasaret no, Osuboni Yohane bɛkaa asɛm Yudea sare so se, 2 "Monsakra mo adwene; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn" 3 Yohane ne nea odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm se,

"Obi nne reteɛ mu sare so se,

Mommɔ kwan mma Awurade;

momma nʼatempɔn nteɛ!’ "

4 Saa bere no na Yohane fura yoma ho nwi ntama aboa nhoma abɔso. Na nʼaduan mmoadabi ne ɛwo. 5 Yerusalemfo ne Yudeafo ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn sare no so kotiee asɛm no bi. 6 Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu Asubɔnten Yordan mu.

7 Yohane huu Farisifo ne Sadukifo pii reba ne nkyɛn ma wabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Awɔ mma! Hena na ɔka kyerɛɛ mo se munguan mfi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no ano? 8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ moasakra ampa. 9 Na monnhoahoa mo ho moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo. 10 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnsow aba pa ntin so ɔde betwa na ɔde agu gya mu ahyew no.

11 "Me de, mede nsu na ɛrebɔ wɔn a wɔasakra wɔn su no asu. Nanso nea odi mʼakyi reba no de, ɔso sen me a ne mpaboa mpo mensɛ mikura. Ɔno de, ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu. 12 Obehuhuw aburow no so ayiyi mu aba pa no afi ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akosie, na ɔde ogya a ennum da ahyew ntɛtɛ no pasaa."

Yesu Asubɔ

13 Yesu tee Osuboni Yohane nka no, ofii Galilea baa Asubɔnten Yordan ho Yohane mmɔ no asu. 14 Yohane huu ɔmfata ɔbɔ Yesu asu nti ɔkae se, "Wo na ɛsɛ wobɔ me asu na ɛnyɛ me."

15 Yesu nso ka kyerɛɛ no se, "Otwa ara na etwa wobɔ me asu sɛnea ɛbɛyɛ a nea Onyankopɔn ahyɛ ato no bɛba mu." Yesu asɛm a ɔkae no nti, Yohane bɔɔ no asu.

16 Wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii asu no mu, na hwɛ, ɔsoro buei. Ohuu Onyankopɔn Honhom ɛresian ba ne so aborɔnoma. 17 Ɛhɔ ara, nne bi fi ɔsoro kae se, "Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani."

Veja também