Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateo 4

Ɔbonsam Yesu Hwɛ

1 Eyi akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ sare so ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. 2 Saa bere no mu, Yesu dii mmuada adaduanan; awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no. 3 Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, "wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan."

4 Yesu buaa no se, "Wɔakyerɛw se, Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’ "

5 Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ no atifi pɛɛ, 6 na ɔka kyerɛɛ no se, "wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huruw fi nea wugyina si fam, efisɛ, wɔakyerɛw se,

" Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abeso wo mu,

wɔde wɔn nsa bɛma wo so,

na wo nan ampem ɔbo.’ "

7 Yesu buaa bio se, "Wɔakyerɛw se, Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’ "

8 Eyi akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no wiase ahenni ahorow ne mu anuonyam nyinaa. 9 Afei ɔka kyerɛɛ Yesu se, "wobɛkotow asom me a, mede nea wuhu yi nyinaa bɛma wo."

10 Ɛhɔ ara na Yesu buae se, "Fi me so, Satan! Hu wɔakyerɛw se, Kotow som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ "

11 Yesu ano sii no, ɔbonsam gyaw no kɔe. Ɛno akyi no abɔfo baa Yesu nkyɛn bɛsom no.

Veja também