Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateo 4

Yesu Frɛ Asuafo Baanan

18 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa apopofo wɔregu asau po no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforo nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea. 19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Mummedi mʼakyi na mɛsoma mo ama moakoyi nnipa kra." 20 Ɛhɔ ara wogyaw wɔn asau no guu kodii nʼakyi ne no kɔe.

21 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane na ɔbaako nso din de Yakobo wɔne wɔn agya te ɔkorow mu repempam wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. 22 Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya ne ɔkorow no kodii nʼakyi.

Veja também