Bisa, Hwehwɛ, Pem
7 "Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo. 8 Na obiara a obisa no, onya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobue no.
9 "Na hena na ne ba bisa no brodo a ɔbɛma no ɔbo? 10 Anaasɛ obisa no nsumnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da! 11 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma wɔn a wobisa no no?