Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateus 8

Yesu Sa Nyarewa

1 Bere a Yesu sian bepɔw no, dɔm dii nʼakyi. 2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, "Me wura, mesrɛ wo, ɛyɛ wo a, sa me yare."

3 Yesu teɛɛ ne nsa de kaa ɔkwatani no kae se, "Mɛsa wo yare. Wo ho mfi!" Amono mu ara, kwata no fii ne ho. 4 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na afɔre a Mose hyɛɛ wɔmmɔ adansede no."

5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se, 6 "Awurade, mʼabofra abubu gu a ɔrehu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yare ma me."

7 Yesu ka kyerɛɛ no se, "Mɛba abɛsa no yare."

8 Asraafo ha so panyin no tee Yesu asɛm a ɔkae no, ɔkae se, "Awurade, memfata woba me fi. Ka biribi na mʼabofra no ho bɛyɛ no den. 9 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, na mesan asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara ne no."

10 Yesu tee saa asɛm no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔdan nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wodi nʼakyi no se, "Israelman mu nyinaa, minhuu gyidi a ɛte sɛɛ da. 11 Na mereka akyerɛ mo se, nnipa pii befi apuei ne atɔe aba na wɔne Abraham, Isak ne Yakob abɛtena ase ɔsoro Ahenni no mu. 12 Na Israelfo a wosiesiee ɔsoro ahenni maa wɔn no mu pii a wɔde wɔn nsa begu wɔn ti atwa agyaadwo na wɔatow wɔn agu sum kabii mu ama ɔyaw."

13 Yesu ka kyerɛɛ asraafo so panyin no se, "fie. Nea wugye di no mmra mu saa mma wo!" Abofra no ho tɔɔ no saa bere no ara mu!

Yesu Sa Petro Ase Yare

14 Yesu kɔɔ Petro fi. Ɔkɔtoo atiridii akyere Petro asebea ma ɔda . 15 Yesu soo ne nsa mu maa atiridii no tu fii no so. Ɔsɔre noaa aduan maa wɔn.

16 Saa da no anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkae no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yerae, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn. 17 Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae se,

"Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛw,

na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa" no baa mu.

Yesu Akyidi

18 Yesu huu dɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wontwa ɔtare no nkɔ nʼagya nohɔ. 19 Ɛhɔ ara Yudani kyerɛkyerɛfo bi ka kyerɛɛ Yesu se, "Kyerɛkyerɛfo, baabiara a wobɛkɔ no, medi wʼakyi!"

20 Yesu buaa no se, "Sakraman wɔn abon, wim nnomaa nso mmerebuw, nanso me, Onipa Ba no de, minni baabi a mede me ti to!"

21 Asuafo no mu baako bɛka kyerɛɛ no se, "Owura, ma me kwan na minkosie mʼagya ansa na mabedi wʼakyi."

22 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no se, "Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufo."

Yesu Brɛ Ahum Ase

23 Yesu saa nyarewa no wiee no, ɔkɔtenaa ɔkorow mu na nʼasuafo no dii nʼakyi. 24 Prɛko , ahum kɛse bi tu maa asorɔkye bu bɛkataa ɔkorow no so. Nanso na Yesu de, wada. 25 Nʼasuafo no de nteɛteɛmu kɔɔ ne nkyɛn, konyan no kae se, "Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!"

26 Yesu nyanee no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mo a mo gyidi sua, adɛn na moabɔ hu saa?" Ɛhɔ ara, ɔsɔre teɛteɛɛ ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.

27 Asuafo no ho dwiriw wɔn yiye. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?"

Yesu Tu Ahohommɔne

28 Yesu ne nʼasuafo no duu asuogya Gadarafo asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔn so fii amusiei behyiaa no. Esiane na saa nnipa yi keka nti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ . 29 Wohuu no , wofii ase teɛteɛɛ mu se, "Onyankopɔn Ba, dɛn na worehwehwɛ afi yɛn nkyɛn? Woaba ha worebɛyɛ yɛn ayayade bere a mmere no nsoe ana?"

30 Saa bere koro no ara mu, na mprakokuw bi redidi nkyɛn baabi. 31 Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu se, "wutu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuw yi mu."

32 Yesu teɛɛ wɔn se, "Mumfi!" Ɛhɔ ara ahonhommɔne no fii nnipa no mu, kowuraa mprako no mu. Mprakokuw no nyinaa de mmirika sian bepɔw no, koguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn. 33 Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa nea asi no kyerɛɛ nkurɔfo. 34 Kurom hɔfo no tee nea aba no, wɔbɔɔ twi kɔɔ nea Yesu no. Wohuu Yesu no, wɔsrɛɛ no omfi wɔn man mu nkɔ.

Veja também