Pular para o conteúdo
Publicidade

Mateo 9

Anifuraefo Baanu Bi Ayaresa

27 Yesu fi nea onyan ababaa no rekɔ no, anifuraefo baanu bi dii nʼakyi teɛteɛɛ mu se, "Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!"

28 Yesu duu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn se, "Mugye di metumi ama moahu ade?"

Wobuaa no se, "Yiw, Awurade, yegye di!"

29 Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kae se, "Mo gyidi nyɛ nea mohwehwɛ mma mo!" 30 Amono mu ara na wɔn ani buebuei. Yesu bɔɔ wɔn ano se, "Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara."

Veja também