Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 10

Salomo Mmebusɛm

1 Salomo mmebusɛm:

Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye,

na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow.

2 Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo,

nanso trenee gye onipa fi owu mu.

3 Awurade remma ɔkɔm nne ɔtreneeni

na omumɔyɛfo de, ɔka nʼadepa gu.

4 Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia,

nanso nsiyɛfo nsa de ahonya ba.

5 Nea ɔboaboa nnɔbae ano ahuhurubere no ɔba nyansafo

na nea ɔda twabere mu no ɔba nimguaseni.

6 Atreneefo hyɛ nhyira kyɛw

na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.

7 Ɔtreneeni nkae nhyira,

na omumɔyɛfo din bɛporɔw.

8 Koma mu nyansafo tie ɔhyɛ nsɛm,

na ɔkwasea kasafo hwe ase.

9 Ɔnokwafo nantew dwoodwoo,

na nea ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.

10 Nea ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba,

na ɔkwasea kasafo hwe ase.

11 Ɔtreneeni anom nkwa asuti,

na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.

12 Ɔtan kanyan mpaapaemu,

nanso ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.

13 Wohu nyansa nhumufo anom,

na abaa fata nea onni adwene akyi.

14 Anyansafo kora nimdeɛ,

nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.

15 Adefo ahonya wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban,

nanso ahiafo hia wɔn asehwe.

16 Atreneefo akatua de nkwa brɛ wɔn,

na nea amumɔyɛfo nya no de asotwe brɛ wɔn.

17 Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan,

na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan.

18 Nea ɔkata nitan so no ɔtorofo,

na nea odi nseku no ɔkwasea.

19 Mfomso mpa ɔkasa bebree mu,

na nea ɔkora ne tɛkrɛma no onyansafo.

20 Ɔtreneeni tɛkrɛma dwetɛ ankasa

nanso omumɔyɛfo koma nni bo.

21 Atreneefo ano ma bebree aduan,

na atemmu a nkwaseafo nni nti wowuwu.

22 Awurade nhyira de ahonya ba,

na ɔmfa ɔbrɛ mmata ne nya ho.

23 Bɔneyɛ anigyede ma ɔkwasea,

nanso nea ɔwɔ nimdeɛ anigye nyansa mu.

24 Nea amumɔyɛfo suro no bɛba wɔn so;

na nea atreneefo no, wɔde bɛma wɔn.

25 ahum no betwa mu a, amumɔyɛfo yera,

nanso atreneefo gyina pintinn afebɔɔ.

26 Sɛnea nsa keka ɛse, na wusiw aniwa no,

saa ara na ɔkwadwofo ma wɔn a wɔsoma no.

27 Awurade suro ma nkwa tenten,

nanso wotwa amumɔyɛfo nkwa so.

28 Atreneefo anidaso de ahotɔ ba,

nanso amumɔyɛfo anidaso nkosi hwee.

29 Awurade kwan guankɔbea ma ɔtreneeni,

nanso ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn a wɔyɛ bɔne.

30 Wɔrentɔre atreneefo ase da,

nanso amumɔyɛfo renka asase no so.

31 Nyansa fi ɔtreneeni anom ba

nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no, wobetwa akyene.

32 Ɔtreneeni ano nim ade a ɛfata

na omumɔyɛfo ano nim nea ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.

Veja também