Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 18

1 Ɔhonamkani pɛsɛmenkominya;

na nea ɛmfa atɛntrenee mma no turuw ɔham.

2 Ɔkwasea nni nhumu ho anigye,

na mmom nea ɔpɛ ara ne ɔde nʼadwene bɛto gua.

3 amumɔyɛsɛm ba a animtiaabu di so,

na aniwu nso di animguase akyi.

4 Onipa anom nsɛm nsu a emu ,

na nyansa asuti asuwa a ɛrefi ahuru.

5 Enye wodi ma omumɔyɛfo

anaasɛ wobu nea odi bem ntɛnkyew.

6 Nkwaseafo ano de akasakasa ba,

na wɔn ano frɛfrɛ ɔhwe.

7 Nkwaseafo ano wɔn ara wɔn sɛe,

na wɔn anofafa wɔn ara wɔn kra afiri.

8 Osekuni ano asɛm te aduan a ɛyɛ ;

ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.

9 Nea ɔtoto nʼadwuma ase no

ɔsɛefo nuabarima.

10 Awurade din abantenten a ɛyɛ den;

ahotefo guan kɔtoa na wonya bammɔ.

11 Adefo ahonyade ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban

wɔfa no ɔfasu tenten a wontumi mforo.

12 Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma,

na ahobrɛase di anuonyam anim.

13 Nea ontie asɛm ansa na wama mmuae no,

ɛno ne ne gyimi ne nʼanimguase.

14 Onipa honhom na ɛhyɛ no den ɔyare mu

na honhom a abotow de, hena na ɔpɛ?

15 Nhumu koma nya nimdeɛ;

na anyansafo aso nso hwehwɛ.

16 Akyɛde bue kwan ma nea ɔde ma

na ɛde no ba atitiriw anim.

17 Ɛyɛ nea ɔbɔ ne nkuro kan no nʼasɛm ,

kosi ɔfoforo bɛba abebisa no nsɛm no mu.

18 Ntontobɔ twa akyinnyegye so,

na ɛpata atamfo.

19 Onua a wɔafom no no asɛm den sen kuropɔn a ɛwɔ bammɔ,

akyinnyegye te abankɛse apon a wɔabram akyi.

20 Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,

nnɔbae a nʼanofafa twa no mee no.

21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi,

na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba.

22 Nea wanya yere no anya ade pa

na onya adom fi Awurade .

23 Ohiani srɛ ahummɔbɔ,

nanso ɔdefo de kasaden bua no.

24 Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase,

nanso adamfo bi a ɔbɛfam ne ho asen onua.

Veja também