Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 20

1 Nsa ɔfɛwdifo na nsaden ɔtɔkwapɛfo;

na obiara a nsa bɛma wafom kwan no nyɛ onyansafo.

2 Ɔhene abufuwhyew te gyata mmubomu;

na nea ɔhyɛ no abufuw no de nkwa twa so.

3 Ɛyɛ onipa anuonyam ɔbɛkwati akasakasa,

nanso ogyimifo biara ntɔkwaw.

4 Onihawfo mfuntum nʼasase ne bere mu;

enti edu twabere a onya hwee.

5 Onipa koma botae asubun,

nanso nea ɔwɔ nhumu no twetwe ma epue.

6 Nnipa dodow no ara ka se wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,

na hena na obetumi ahu ɔnokwafo?

7 Ɔtreneeni bu ɔbra kronkron;

nhyira nka ne mma a wɔba nʼakyi.

8 ɔhene tena nʼahengua so bu atɛn a,

ɔde nʼani huhuw bɔne nyinaa so gu.

9 Hena na obetumi aka se, "Mapra me koma mu;

meyɛ kronkron na minni bɔne?"

10 Nkaribo ne susudua a ɛnyɛ papa no,

Awurade kyi nʼabien no nyinaa.

11 Mpo wɔnam abofra nketewa nneyɛe so hu wɔn,

saa ara na ne suban kronkron ne papa no.

12 Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hu ade,

Awurade na wayɛ nʼabien no nyinaa.

13 Mma nna nyɛ wo , na woanni hia;

nna, na wubenya aduan ama abu so.

14 Adetɔni ka se, "Enye, enye!"

nanso ɔkɔ a ɔde nea watɔ no hoahoa ne ho.

15 Sika kɔkɔɔ , na nhene pa nso abu so,

na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm ɔbohemaa a ɛho na.

16 Fa obi a odi ɔhɔho akagyinamu atade;

ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.

17 Aduan a wonya no ɔkwan bɔne so no onipa anom ,

nanso akyiri no, ɛdan mmosea nʼanom.

18 afotu wo nhyehyɛe;

wutu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.

19 Osekuni da kokoamsɛm adi;

enti twe wo ho fi onipa a ɔkasa bebree ho.

20 obi dome nʼagya anaasɛ ne na a,

wobedum ne kanea sum kabii mu.

21 Agyapade a wɔpere ho nya no,

renyɛ nhyira akyiri no.

22 Nka se, "Metua wo saa bɔne yi so ka!"

Twɛn Awurade, na obegye wo.

23 Awurade kyi nkaribo a ɛnyɛ papa,

na asisi nsania nso nsɔ nʼani.

24 Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntu.

Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?

25 Obi ntɛm hyɛ , ansa na wadwene ho a,

osum ne ho afiri.

26 Ɔhene nyansafo hu amumɔyɛfo;

na ɔde awiyam afiri hankare fa wɔn so.

27 Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu,

ɛhwehwɛ ne mu baabiara.

28 Ɔdɔ ne nokwaredi ɔhene ho ban;

nʼadɔe ma nʼahengua tim.

29 Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden,

tidwen nso ne mmasiriwa anuonyam.

30 Ɔhwe ne apirakuru hohoro amumɔyɛ,

mmaatwa tew koma mu.

Veja também