Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 26

1 Sɛnea sukyerɛmma te ahuhurubere anaasɛ osu otwabere no,

saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea.

2 Sɛnea apatuprɛw tu anaasɛ asomfena tu dannan ne ho no,

saa ara na nnuabɔ hunu nsi hwee.

3 Ɔkafo abaa ma ɔpɔnkɔ, nnareka ma afurum,

na abaa ma nkwaseafo akyi.

4 Nhwɛ ɔkwasea agyimisɛm so mma no mmuae,

anyɛ saa a wo nso bɛyɛ ɔno.

5 Gyina ɔkwasea agyimisɛm so ma no mmuae,

anyɛ saa a ɛbɛyɛ no onim nyansa.

6 wode nkra bi soma ɔkwasea a,

ɛte wutwitwa wʼankasa wʼanan anaasɛ wonom awuduru.

7 Apakye nan a awu na ɛsensɛn no,

mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

8 Ɔbo a wɔakyekyere afam ahwimmo so

te anuonyam a wɔde ama ɔkwasea.

9 Nsɔe dua a ɔkɔwensani kita no

te mmebusɛm a ɛda ɔkwasea ano.

10 Nea ɔbɔ ɔkwasea anaa obi hunu paa no

te agyantowni a opira nnipa kwa.

11 Sɛnea ɔkraman san ne fe ho no,

saa ara na ɔkwasea ti nʼagyimisɛm mu.

12 Wuhu obi a ɔyɛ onyansafo nʼankasa ani so ana?

Anidaso pii ɔkwasea mu sen no.

13 Ɔkwadwofo ka se, "Gyata ɔkwan no mu,

gyatakeka nenam mmɔnten no so!"

14 Sɛnea ɔpon di akɔneaba ne mpontare so no,

saa ara na ɔkwadwofo twa ne ho ne mpa so.

15 Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu,

na ɛyɛ no anihaw obeyi akɔ nʼano.

16 Ɔkwadwofo onyansafo ɔno ankasa ani so

sen nnipa baason a wodwen asɛm ho na wɔabua.

17 Obi a oso ɔkraman aso twe no no

te obi a ɔretwa mu na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu.

18 Ɔbɔdamfo a ɔtotow atuo

anaa agyanwerɛmfo no

19 te obi a, ɔdaadaa ne yɔnko

na ɔka se, "Na mede redi agoru!"

20 Nnyansin hi a ogya dum;

nseku nni a ntɔkwaw to twa.

21 Sɛnea gyabiriw dan nnyansramma na nnyina dan ogya no,

saa ara na ɔtɔkwapɛfo hyɛ ntɔkwaw mu takramugya.

22 Osekuni ano asɛm te aduan a ɛyɛ ;

ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.

23 Sɛnea ama kata asankagow ho no

saa ara na tɛkrɛmadɛ kata amumɔyɛ koma so.

24 Onipa bɔne kasa te nea oye,

nanso nnaadaa ahyɛ ne koma ma.

25 Ɛwɔ mu ne kasa de, nanso nnye no nni,

efisɛ abususɛm ason ahyɛ ne koma ma.

26 Ebia nnaadaa bɛkata nʼadwemmɔne so,

nanso nʼamumɔyɛsɛm bɛda adi bagua mu.

27 onipa tu amoa a, ɔbɛtɔ mu;

onipa pirew ɔbo a, ɛbɛsan aba no so.

28 Atoro tɛkrɛma kyi wɔn a ogu wɔn ho fi,

na adɛfɛdɛfɛ ano de ɔsɛe ba.

Veja também