Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 28

1 Omumɔyɛfo guan bere a obiara ntaa no,

nanso atreneefo koko duru gyata.

2 Atuatewman nya sodifo pii,

nanso onipa a ɔwɔ nhumu ne nimdeɛ ma mmara adwuma.

3 Sodifo a ɔhyɛ ahiafo so no

te osu mu ahum a ennyaw nnɔbae bi akyi.

4 Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumɔyɛfo,

na wɔn a wodi mmara so no siw wɔn kwan.

5 Abɔnefo nte atɛntrenee ase,

nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, te ase yiye.

6 Ohiani a ne nantew ho nni asɛm

ye sen ɔdefo a nʼakwan kɔntɔnkye.

7 Nea odi mmara so ɔba a ɔwɔ nhumu,

nanso nea ɔne adidibradafo no gu nʼagya anim ase.

8 Nea ogye mfɛntom mmoroso de nya ne ho no,

ɔboaboa ano ma nea ɔbɛyɛ ahiafo adɔe.

9 obi nni mmara so a,

ne mpaebɔ mpo akyiwade.

10 Nea odi atreneefo anim de wɔn fa ɔkwan bɔne so no

bɛhwe ɔno ankasa afiri mu,

nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no benya agyapade a eye.

11 Ɔdefo tumi onyansafo nʼankasa ani so,

nanso ohiani a ɔwɔ nhumu no hu sɛnea ɔte.

12 atreneefo di nkonim a, nnipa di ahurusi pii;

nanso amumɔyɛfo nya tumi a nnipa kohintaw.

13 Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso,

na nea ɔka ne bɔne na ogyae no nya ahummɔbɔ.

14 Nhyira nka nea osuro Awurade bere nyinaa,

nanso nea opirim ne koma no amane mu.

15 Omumɔyɛfo a odi nnipa a wonni mmoa so no

te gyata a ɔbobɔ mu anaa sisi a nʼani abere.

16 Ɔsodifo tirimɔdenfo nni adwene,

na nea okyi mfaso a wɔnam ɔkwan bɔne so nya no benya nkwa tenten.

17 Nea awudi ma ne tiboa bu no no

bɛyɛ ɔkobɔfo akosi ne wu da;

wɔmma obiara nsiw no kwan.

18 Nea ne nantew ho nni asɛm no, wogye no fi ɔhaw mu,

nanso nea nʼakwan kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.

19 Nea ɔyɛ nʼasase so adwuma no benya aduan pii,

nanso wɔn a wodi nnaadaasɛm akyi no benya wɔn so ne wɔn hia.

20 Wobehyira onipa nokwafo pii,

na nea ɔpere ahonyade no remfa ne ho nni.

21 Nhwɛanim nye,

nanso aduan kakraa bi nti nnipa bɛyɛ bɔne.

22 Nea ɔyɛ pɛpɛe pere ɔbɛyɛ ɔdefo

na onnim ohia retwɛn no.

23 Nea ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyiri no

asen nea ɔwɔ tɛkrɛmadɛ.

24 Nea ɔbɔ nʼagya anaa ne na korɔn

na ɔka se, "Ɛnyɛ bɔne no,"

ɔne ɔsɛefo na ɛbɔ.

25 Odifudepɛfo de mpaapaemu ba

na nea ɔde ne ho to Awurade so no benya nkɔso.

26 Nea ogye ne ho di no ɔkwasea,

na nea ɔnantew nyansa mu no wobegye no.

27 Nea ɔma ahiafo no, hwee renhia no,

nanso nea obu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii.

28 amumɔyɛfo nya tumi a, nnipa kohintaw;

na amumɔyɛfo ase tɔre a, atreneefo ase .

Veja também