Pular para o conteúdo
Publicidade

Mmebusɛm 3:1-8

Nyansa De Yiyedi Ba

1 Me ba, mma wo werɛ mfi me nkyerɛkyerɛ,

kora me mmara wɔ wo koma mu,

2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebree

na ɛde yiyedi abrɛ wo.

3 Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn

fa yan wo kɔn mu

kyerɛw gu wo koma pon so.

4 Na wubenya adom ne din pa

wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.

5 Fa wo koma nyinaa to Awurade so,

na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;

6 hu no wʼakwan nyinaa mu,

na ɔbɛteɛ wʼakwan.

7 Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafo;

suro Awurade na kyi bɔne.

8 Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo nipadua,

na ayɛ aduan ama wo nnompe.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.