Pular para o conteúdo
Publicidade

Mmebusɛm 6:1-5

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

Agyimisɛm Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi,

sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,

2 sɛ nea wokae ayi ka ama wo

na sɛ wʼano asɛm afiri ayi wo a,

3 ɛno de yɛ eyi, me ba, na fa tetew wo ho,

sɛ ɔyɔnko nsa aka wo no nti:

fa ahobrɛase kɔ nʼanim;

na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!

4 Mma wʼani nkum

na ntɔ nko.

5 Gye wo ho, sɛnea ɔforote guan fi ɔbɔmmɔfo nsam

anaa sɛnea anomaa guan fi ofirisumfo afiri mu no.

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    1 Me ba, sɛ woadi akagyinamu ama ɔyɔnko bi,

    sɛ wode wo biribi asi awowa ama obi,

    2 sɛ deɛ wokaeɛ ayi ka ama wo

    na sɛ wʼano asɛm afidie ayi wo a,

    3 ɛnneɛ yɛ yei, me ba, na fa tete wo ho,

    sɛ ɔyɔnko nsa aka woɔ no nti:

    fa ahobrɛaseɛ kɔ nʼanim;

    na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!

    4 Mma wʼani nkum

    na nntɔ nko.

    5 Gye wo ho, sɛdeɛ ɔforoteɛ dwane firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam

    anaa sɛdeɛ anomaa dwane firi fidisumfoɔ afidie mu.

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.