Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 6

6 Ɔkwadwofo, ɔtɛtea nkyɛn;

hwɛ nʼakwan, na hu nyansa!

7 Onni ɔsahene,

onni ɔhwɛfo anaa sodifo bi,

8 nanso ɔde aduan sie ahuhurubere mu,

ɔboaboa nnuan ano twabere.

9 Wo, ɔkwadwofo, wobɛda akosi da bɛn?

Wubenyan bere bɛn?

10 Nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔw de rehome kakra,

11 ɛbɛma ohia aba wo so ɔkwanmukafo

na ahokyere atow akyere wo sɛnea okura otuo.

Veja também