Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 8

Nyansa Frɛ

1 Tie: Nyansa refrɛ.

Ntease ma ne nne so.

2 Ɔkwan no so, sorɔnsorɔmmea ,

nkwantanan no so, ɛhɔ na egyina,

3 apon a ɛkɔ kuropɔn no mu no ho,

ɛteɛ mu abobow ano se,

4 "Ao, mo nnipa na meteɛ mu refrɛ;

meteɛ mu frɛ adesamma nyinaa.

5 Mo a moyɛ ntetekwaa, momma mo ani ntew;

mo a moyɛ nkwaseafo, munnya ntease.

6 Muntie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;

mibue mʼano ka nea eye.

7 Mʼano ka nea ɛyɛ nokware,

efisɛ mʼanofafa kyi amumɔyɛsɛm.

8 Mʼanom nsɛm nyinaa ;

biara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.

9 Ne nyinaa mu da ma nea ɔwɔ nhumu;

ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.

10 Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,

momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ ankasa.

11 Efisɛ nimdeɛ som bo sen bota,

na worentumi mfa nea wopɛ biara ntoto no ho.

12 "Me, nyansa, mene anitew na ɛte;

nimdeɛ ne nhumu me.

13 wosuro Awurade ɛne wokyi bɔne;

mikyi ahantan ne ahomaso,

ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.

14 Afotu ne atemmu pa me;

mewɔ ntease ne tumi.

15 Me so na ahemfo nam di ade

na sodifo nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ ;

16 Mmapɔmma de me bu ɔman

ne atitiriw nyinaa a wodi asase so hene.

17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me,

na wɔn a wɔhwehwɛ me no hu me.

18 Ahonyade ne anuonyam me nkyɛn,

ahode a ɛkyɛ ne yiyedi nso saa ara.

19 Mʼaba ye sen sikakɔkɔɔ ankasa;

nea efi me mu boro dwetɛ a wɔasɔn so so.

20 Trenee akwan so na menam,

atɛntrenee akwan so,

21 mede ahode ma wɔn a wɔdɔ me

na mehyɛ wɔn adekoradan amaama.

22 "Awurade bɔɔ me nʼabɔde mu abakan

dii ne tete nneyɛe anim;

23 oyii me sii fi tete,

ansa na wiase refi ase.

24 Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ po kakraka no,

ansa na wɔreyɛ nsuti a nsu ahyɛ no ma no,

25 ansa na wɔde mmepɔw resisi ;

wɔwoo me ansa na nkoko reba,

26 ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuw

anaa dɔte biara a ɛwɔ asase so.

27 Mewɔ ansa na wɔbɔɔ ɔsoro,

bere a otwaa ɔhye too ebun no ani no,

28 bere a ɔbɔɔ omununkum soro

na ɔde ebun mu nsuti tintim dennen no;

29 bere a otwaa ɔhye maa po

sɛnea nsu no rentra ne hye,

ne bere a otwaa asase fapem no,

30 na meyɛ odwumfo a mete ne nkyɛn.

Anigye hyɛɛ me ma daa

na midii ahurusi nʼanim bere biara,

31 na mʼani gye ne wiase nyinaa mu

na mʼani ka adesamma mu.

32 "Enti me mma, muntie me;

nhyira ne wɔn a wɔnantew mʼakwan so.

33 Muntie mʼakwankyerɛ na munhu nyansa;

mummmu mo ani ngu so.

34 Nhyira ne onipa a otie me,

ɔwɛn mʼabobow ano daa,

na ɔtwɛn .

35 Na obiara a ohu me no nya nkwa,

na onya anisɔ fi Awurade nkyɛn.

36 Na nea wanhwehwɛ me no haw ne ho

na wɔn a wɔtan me no owu."

Veja também