Pular para o conteúdo
Publicidade

Provérbios 9

Nyansa Ne Nkwaseasɛm Frɛ

1 Nyansa asi ne fi;

wasisi nʼafadum ason.

2 Wasiesie ne nam de afra ne nsa,

wato ne pon.

3 Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ

fi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea se,

4 "Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha!"

Ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,

5 "Mommra mmedi mʼaduan

na monnom nsa a mafra no.

6 Munnyaw mo ntetekwaasɛm no na mubenya nkwa;

monnantew ntease akwan so."

7 Nea ɔteɛteɛ ɔfɛwdifo no frɛ ahohorabɔ;

na nea ɔka amumɔyɛfo anim no nya ɔyaw.

8 Ɛno nti, nka ɔfɛwdifo anim na ɔmmɛtan wo;

ka onyansafo anim na ɔbɛdɔ wo.

9 Ma onyansafo akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahu nyansa;

kyerɛkyerɛ ɔtreneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.

10 Awurade suro nyansa mfiase

Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ntease.

11 Me mu na wo nna bɛdɔɔso,

na wɔde mfe bɛka wo nkwa ho.

12 woyɛ onyansafo a, wubenya wo nyansa so mfaso;

woyɛ ɔfɛwdifo a, wo nko ara na wubehu amane.

13 Ɔbea ɔkwasea ɔkasafo;

onni ahohyɛso na onni nimdeɛ.

14 Ɔte ne fi pon ano,

na ɔte akongua a esi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,

15 na ɔfrɛfrɛ wɔn a wotwa mu ,

wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee se,

16 "Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha"

ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,

17 "Nsu a wowia no fremfrem

na aduan a wodi no ahintawee no !"

18 Nanso wonnim koraa awufo

nʼahɔho ɔda no ase tɔnn.

Veja também