Pular para o conteúdo
Publicidade

Romafo 10:13-17

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

13 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, "Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa."

14 Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa benya gyidi wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagye? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate? Gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. 15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, "Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no anan yɛ fɛ."

16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, "Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?" 17 Ɛno de, na gyidi no fi asɛm no tie mu, nea yɛte fi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    13 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, "Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa."

    14 Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. 15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, "Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ."

    16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, "Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?" 17 Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.