Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 14

Mummmu Atɛn

1 obi gyidi sua mo mu a munnye no; mo ne no nnnye nea nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnye. 2 Obi gyidi ma otumi di biribiara, nanso obi a ne gyidi sua no di afumduan nko ara. 3 Ɛnsɛ nea odi biribiara no bu nea onni biribiara no animtiaa; saa ara nso na ɛnsɛ obi a odi afumduan nko ara no bu nea odi biribiara no atɛn; efisɛ Onyankopɔn agye no. 4 Wo ne hena a wubu obi somfo atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka se wadi nkonim anaasɛ wadi nkogu. Na obedi nkonim, efisɛ Awurade betumi ama wadi nkonim.

5 Obi dwene da bi a ɛho hia sen nna a aka no. Saa ara nso na onipa afoforo nso dwene nna nyinaa . Ɛsɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi. 6 Obiara a obebu da bi kɛse no saa de hyɛ Awurade anuonyam; obiara a ɔwe nam no we Awurade din mu, efisɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso Awurade din mu de da Onyankopɔn ase. 7 Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho; 8 yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; na yewu a, yewu ma Awurade. Enti, yɛte ase o, yewu o, yɛyɛ Awurade de. 9 Na eyi nti na Kristo wui, na ɔsɔree, na onyaa nkwa, ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura.

10 Na wo, afei, adɛn nti na wubu wo nua atɛn? Na wo, adɛn nti na wubu wo nua animtiaa? Yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn. 11 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se,

"Awurade ka se, mete ase yi,

obiara bebu nkotodwe mʼanim;

na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn."

12 Yɛn mu biara bebu ne ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn.

13 Ɛno nti momma yennyae yɛn ho yɛn ho atemmu. Mmom, nea ɛsɛ modwene ne monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu. 14 Ahotoso a mewɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mihu biribiara nni a ɛho ntew. Na obi gye di biribiara ho ntew a na saa onipa no na ɛho ntew mma no. 15 biribiara a wudi haw wo nua a, ɛno de na wonte ɔdɔ mu. Mma aduan a wudi no nsɛe onipa a ne nti Kristo wui no. 16 Mma ade a wubu eye no nnye din bɔne. 17 Efisɛ Onyankopɔn Ahenni no nyɛ adidi ne ɔnom na mmom ɛyɛ trenee, asomdwoe ne ahosɛpɛw a ɛwɔ Honhom Kronkron mu. 18 Obiara a ɔsom Kristo saa ɔkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no.

19 Ɛno nti ɛsɛ yetumi tena asomdwoe mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidi a emu den. 20 Nnyina aduan so nsɛe nea Onyankopɔn ayɛ. Aduan biara aduan, nanso wudi aduan a ɛde ɔfoforo bɛkɔ bɔne mu a ɛyɛ bɔne. 21 Ade trenee a ɛsɛ woyɛ ne wonwe nam, nnom nsa anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua hintidua.

22 Nea wugye di saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne nea ɔyɛ nʼapɛde a ɔnte nka wɔabu no atɛn. 23 Na ne tirim nteɛ no nea odi ho na odi a, Onyankopɔn bu no atɛn, efisɛ nea ɔyɛ no mfi gyidi mu. Biribiara a emfi gyidi mu no nso bɔne.

Veja também