Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 15

1 Ɛsɛ yɛn a yɛyɛ den gyidi mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛw no sintɔ ase. Ɛsɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani. 2 Yɛn mu biara nkamfo ade pa biara a ne yɔnko mfa nhyɛ no den. 3 Kristo mpo anyɛ nea ɔpɛ, sɛnea Kyerɛwsɛm ka se, "Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no me ahohora nso." 4 Biribiara a wɔakyerɛw Kyerɛwsɛm no mu no, wɔakyerɛw de kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Kyerɛwsɛm no de ma yɛn no so benya anidaso.

5 Onyankopɔn a yenya boasetɔ ne nkuranhyɛ fi ne nkyɛn no mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi, 6 sɛnea ɛbɛyɛ a mo nyinaa de koma koro ne ano koro bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.

7 Munnyigye mo ho mo ho nto mu mfa nkamfo Onyankopɔn sɛnea Kristo agye mo no. 8 Efisɛ meka kyerɛɛ mo se Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafo somfo de kyerɛɛ Onyankopɔn ɔnokwafo a ɔbɛma ne a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9 na wama amanamanmufo nso akamfo no ne mmɔborɔhunu ho sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se,

"Eyi nti mɛkamfo wo amanamanmufo mu;

na mato nnwom akamfo wo din."

10 Na ɛka bio se,

"Mo amanamanmufo, monkamfo Awurade,

mo ne ne nkurɔfo Yudafo."

11 Bio,

"Amanamanmufo nyinaa nyi Awurade ayɛ;

asase so aman nyinaa monkamfo no."

12 Na Yesaia ka bio se,

"Yisai aseni bɛsɔre,

nea ɔbɛsɔre abedi amanaman no so;

ɔno na wɔn ani bɛda ne so."

13 Anidaso Nyankopɔn no a mugye no di no mfa anigye ne asomdwoe nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidaso mmoroso.

Paulo, Amanamanmufo Sɔfo

14 Me nuanom, mʼankasa mete nka papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mubetumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho. 15 Mede akokoduru akyerɛw abobɔ nneɛma bi so, sɛnea meretwe mo adwene akɔ so bio, esiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no nti. 16 Meyɛ Kristo Yesu somfo a ɛsɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a amanamanmufo bɛyɛ afɔrebɔde a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no atew ho.

17 Ɛno nti mitumi hoahoa me ho Kristo Yesu mu Onyankopɔn som yi mu. 18 Nea mɛka ho asɛm ara ne sɛnea Kristo nam nea maka ne nea mayɛ so ama amanamanmufo ayɛ osetie ama Onyankopɔn no. 19 Saa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi tumi a efi Honhom no mu. Enti efi Yerusalem de kosi Iliriko no, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. 20 Na me botae ne , daa mɛka asɛmpa no mmeaemmeae a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ misii dan obi fapem so. 21 Mmom sɛnea wɔakyerɛw no:

"Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no behu,

na wɔn a wɔntee no nso bɛte ase."

22 Eyi nti na bere biara a mepɛ meba mo nkyɛn no, biribi siw me kwan.

Paulo Nʼadwene Ɔbɛkɔ Roma

23 Nanso mprempren a mawie mʼadwuma saa amantam yi mu, na afei mfe bebree ni a mepɛɛ anka mɛba abehu mo no nti, 24 mayɛ mʼadwene mɛkɔ Spania. merekɔ a, mɛpɛ mehu mo na moaboa me ama makɔ bere a me ne mo atena anigye so kakraa bi no. 25 Mprempren ara, merekɔ Yerusalem akɔsom Onyankopɔn manfo a wɔwɔ no. 26 Efisɛ asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi wɔbɛboa ahiafo a wɔfra Onyankopɔn manfo a wɔwɔ Yerusalem no mu. 27 Wɔn ara na wosii wɔn adwene pi saa, nanso nokware ni, ɛyɛ wɔn asɛde wɔboa saa ahiafo no. Amanamanmufo no nyaa Yudafo honhom no mu nhyira no bi. Ɛno nti na ɛsɛ amanamanmufo no de wɔn ahode som Yudafo no. 28 miwie saa dwumadi yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mefi akɔ Spania. Na merekɔ a mɛba mo abɛsra mo. 29 meba mo nkyɛn a, minim mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.

30 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpae dennen mma me. 31 Mommɔ mpae, sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm bi rento me Yudea. Mommɔ mpae mma wɔn a wonnye asɛm no nni. Afei nso mommɔ mpae mma me som a mɛsom Yerusalem no, sɛnea ɛbɛyɛ a ahotefo a wɔwɔ no begye ato mu. 32 ɛyɛ Onyankopɔn a mede ahosɛpɛw bɛba mo nkyɛn abɛsra mo. 33 Asomdwoe Nyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.

Veja também