Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 16

Nkradi

1 Mede yɛn nuabea Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa. 2 Munnye no Awurade din mu sɛnea ɛsɛ Onyankopɔn manfo , na mmoa biara a ɛho hia no mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Efisɛ waboa nnipa bebree ne me nso.

3 Mikyia Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfo Kristo Yesu mu 4 a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree; ɛnyɛ me nko, na mmom amanamanmufo asafo no nyinaa.

5 Asafo a wohyia wɔn fi no nso mikyia wɔn.

Munkyia mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a odii kan gyee Kristo dii Asia mantam mu no mma me.

6 Mikyia Maria a ɔyɛɛ adwuma dennen maa me no nso.

7 Mikyia Androniko ne Yunia. Mikyia me nuanom Yudafo a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yiye asomafo no mu, na wodii me kan Kristo mu no.

8 Mikyia mʼAwurade mu dɔfo Amplia.

9 Mikyia Ubano a yɛne no somee Kristo mu. Saa ara nso na mikyia mʼadamfo pa Staki.

10 Mikyia Apele a ne Kristosom mu nokware ada adi no.

Mikyia Aristobulo abusuafo nyinaa.

11 Mikyia me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Kristofo a wofi Narkiso fi.

12 Mikyia Trifaina ne Trifosa mmea a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no.

Saa ara nso na mikyia mʼadamfo Persi a ɔno nso ɔbea a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.

13 Mikyia Rufo a wadi dwuma kɛse Awurade som mu no. Mikyia Rufo a ɔfaa me ne ba no nso.

14 Mikyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Kristofo a wɔka wɔn ho nyinaa.

15 Mikyia Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne Onyankopɔn manfo a wɔne no no nyinaa.

16 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho mo ho.

Kristo asafo no nyinaa kyia mo.

17 Anuanom, mitu mo fo se monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforo gyidi na wotia nkyerɛkyerɛ a moanya no yiye no; montwe mo ho mfi wɔn ho. 18 Efisɛ wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom wɔsom biribiara a wɔpɛ na eye ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wonnim hwee. 19 Obiara ate gyidi a mowɔ Asɛmpa no mu no. Ɛno nti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ mo ani tew nneɛma pa ho na mokata mo ani bɔne ho.

20 Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan mo anan ase.

Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo.

21 Me yɔnko Timoteo se okyia mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafo no nso kyia mo.

22 Me Tertio, a meyɛ ɔkyerɛwfo ma Paulo yi nso, mede Awurade din kyia mo.

23 Gaio a asafo no hyia ne fi no nso kyia mo.

Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne yɛn nua Kwarto se wokyia mo. 24 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

25 Momma yenyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na otumi ma mo gyina pintinn mo gyidi mu sɛnea mekaa Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛnea medaa nokware ahintasɛm a efi teteete no adi kyerɛɛ mo no, 26 wɔnam adiyifo kyerɛwsɛm a efi Onyankopɔn Teasefo no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahu sɛnea aman nyinaa begye adi na wɔayɛ osetie ama no. 27 Ɔno, Onyankopɔn nyansafo no na anuonyam nka no Yesu Kristo mu daa daa! Amen.

Veja também