Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 2

1 Mo a mubu afoforo atɛn no, munni anoyi biara. Ɔkwan biara a mobɛfa so abu afoforo atɛn no, ɛnam saa ɔkwan no ara so ma mode atemmu ba mo ho so. Efisɛ bɔne a ɛma mubu afoforo atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne koro no ara bi. 2 Yenim , Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a na ne kwan so ara ne no. 3 Na wo, onipa, wubu afoforo atɛn nneɛma koro no ara a woyɛ bi no ho a, wususuw Onyankopɔn remmu wo atɛn ana? 4 Anaasɛ, ebia wummu nʼayamye, nʼabodwokyɛre ne ne boasetɔ? Wunnim Onyankopɔn mmɔborɔhunufo a ɔpɛ ɔkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so anu wo ho?

5 Nanso esiane wo komaden ne komapirim nti, woboaboa abufuwhyew ano ma wo ho Onyankopɔn abufuwhyew da no, da no a ɔbɛda nʼatɛntrenee adi no. 6 Nea obiara ayɛ no so akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. 7 Wɔn a wɔde boasetɔ papa de hwehwɛ anuonyam, nidi ne nea ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei. 8 Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkominya ne wɔn a wɔpo nokware no kodi bɔne akyi no, abufuwhyew ne amanehunu bɛba wɔn so. 9 Yudafo ne amanamanmufo a wɔkɔ so bɔne no nyinaa behu amane na wɔn werɛ nso bɛhow. 10 Nanso wɔn a wotie no no, wɔyɛ Yudafo anaa amanamanmufo no, wobenya anuonyam, nidi ne asomdwoe afi Onyankopɔn nkyɛn. 11 Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ nhwɛanim nso nʼatemmu mu.

12 Wɔn a wonnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wonim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bebu wɔn atɛn. 13 Ɛnyɛ mmaratiefo na wɔteɛ Onyankopɔn anim, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔyɛ osetie ma mmara no na wobebu wɔn bem. 14 Amanamanmufo no nni mmara, nanso wofi wɔn awosu mu nea mmara no hwehwɛ wɔyɛ a, ɛwɔ mu wonni mmara de, nanso eyinom bɛyɛ mmara ama wɔn. 15 Esiane wɔn abrabɔ kyerɛ , nea mmara no hwehwɛ no, wɔakyerɛw wɔn koma mu no nti, wɔn ahonim di adanse wodi bem anaasɛ wɔabu wɔn . 16 Enti asɛmpa a meka no kyerɛ , da no du a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bebu nnipa kokoamsɛm ho atɛn.

17 Mo Yudafo de, mususuw mo ne Onyankopɔn te no yiye, efisɛ ɔde ne mmara a monam so benya nkwagye no maa mo. Na moka mo anofafa nso se, moyɛ ne nnamfonom sononko bi. 18 Munim nea Onyankopɔn hwehwɛ moyɛ. Moasua afi Mmara no mu ahu nea eye. 19 Mofa mo ho moyɛ akwankyerɛfo ma anifuraefo, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte sum mu. 20 Mugye di mubetumi akyerɛ adwenharefo ne mmofra Onyankopɔn akwan, efisɛ munim ne mmara a osuahu ne nokware ahyɛ no ma no. 21 Mokyerɛkyerɛ afoforo. Na adɛn nti na muntumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforo se wɔmmmɔ korɔn. Mo nso mobɔ korɔn ana? 22 Mo a moka se aguamammɔ nye. Mo nso mobɔ aguaman ana? Mo a moka se mukyi ahoni no, mobɔ korɔn hyiadan mu ana? 23 Mo a mohoahoa mo ho mmara no mu no, monam mmara no so bu so bu Onyankopɔn animtiaa ana? 24 Ɛnyɛ nwonwa Kyerɛwsɛm no ka se mo nti wiasefo kasa tia Onyankopɔn.

25 woyɛ Yudani na wudi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ ade a ɛsom bo. Na moanni so a, nsonoe biara nni mo ne momonotofo ntam. 26 momonotofo di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn Onyankopɔn nkurɔfo ana? 27 Enti momonotoni a odi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafo a munim Onyankopɔn mmara a wɔakyerɛw no, nanso munni so no.

28 Fa a wɔde mo afa Yudasom mu atwa mo twetia, anaasɛ Yudafo na wɔwoo mo no nkyerɛ moyɛ Yudafo kann. 29 Yudani kann no ne nea ɔyɛ no ne mu. Ɛnyɛ ɔhonam mu twetiatwa ne twetiatwa turodoo, na mmom koma mu nsakrae a efi Onyankopɔn Honhom mu ba no. Nsakrae yi mfi di a obi di mmara bi a wɔakyerɛw mu. Saa onipa no ayeyi mfi nnipa afoforo bi, na mmom, efi Onyankopɔn.

Veja também