Pular para o conteúdo
Publicidade

Romafo 2

6 Nea obiara ayɛ no so akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. 7 Wɔn a wɔde boasetɔ papa de hwehwɛ anuonyam, nidi ne nea ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei. 8 Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkominya ne wɔn a wɔpo nokware no kodi bɔne akyi no, abufuwhyew ne amanehunu bɛba wɔn so. 9 Yudafo ne amanamanmufo a wɔkɔ so bɔne no nyinaa behu amane na wɔn werɛ nso bɛhow. 10 Nanso wɔn a wotie no no, wɔyɛ Yudafo anaa amanamanmufo no, wobenya anuonyam, nidi ne asomdwoe afi Onyankopɔn nkyɛn. 11 Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ nhwɛanim nso nʼatemmu mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também