Pular para o conteúdo
Publicidade

Romanos 6

12 Ɛnsɛ bɔne di mo nipadua a ewui no so na amma mo anyɛ bɔne. 13 Saa ara nso na ɛnsɛ mugyaw mo honam akwaa biara ma bɔne nneɛma a wɔde di amumɔyɛsɛm. Na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn nnipa a wɔanyan mo afi owu mu aba nkwa mu. Momfa mo ho nyinaa mma no, na ɔmfa mo nyɛ trenee nnwuma. 14 Ɛnsɛ bɔne di mo so, efisɛ monhyɛ mmara ase, na mmom mohyɛ adom ase.

Trenee Nkoa

15 Dɛn bio? Esiane yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no nti, ɛsɛ yɛkɔ so bɔne ana? Dabi da. 16 Munnim , nea mutie no ara na ne nkoa ne mo anaa? ɛyɛ bɔne a ɛde owu mu, anaasɛ osetie a ɛde trenee. 17 Nanso yɛda Onyankopɔn ase. Efisɛ bere bi a atwa mu a na moyɛ bɔne nkoa no, mode mo koma nyinaa tiee nkyerɛkyerɛ a wɔde maa mo no. 18 Wɔagye mo afi bɔne mu ama moabɛyɛ nkoa ama trenee.

Veja também