Boas Asefo
13 Enti Boas waree Rut de no kɔɔ ne fi. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14 Na kurow no mu mmea ka kyerɛɛ Naomi se, "Anuonyam nka Awurade sɛ nnɛ da yi, wama woanya abusua gyefo! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel. 15 Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaabere mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Efisɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsen mmabarima ason ma wo no babarima."
16 Na Naomi faa akokoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba. 17 Na mmea a wɔne no bɔ ofipam no kae se, "Afei de Naomi anya ɔbabarima bio." Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nena.
18 Tete agya Peres awo ntoatoaso ni:
Peres woo Hesron.
19 Hesron woo Ram,
na Ram woo Aminadab.
20 Aminadab woo Nahson,
na Nahson woo Salmon.
21 Salmon woo Boas,
na Boas woo Obed.
22 Obed woo Yisai,
na Yisai woo Dawid.