Pular para o conteúdo
Publicidade

Sofonias 1

1 Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn ni. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba no bere so.

Atemmu A Etia Yuda

2 "Mɛpra biribiara afi asase so"

nea Awurade se ni,

3 "Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;

mɛpra nnomaa a wɔwɔ wim

ne mpataa a wɔwɔ po mu nyinaa.

Atirimɔdenfo benya wura a esum nko ara,

mesɛe adesamma a wɔwɔ asase yi so a,"

nea Awurade se ni.

4 "Mɛteɛ me nsa Yuda

ne wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;

na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka ha,

na masɛe abosonsomfo ne akɔmfo asɔfo no din

5 wɔn a wɔkotow sɔre wɔn adan atifi,

de sɔre abɔde a ɛwɔ wim,

wɔn a wɔkotow de Awurade ka ntam

na wɔde Molek nso ka ntam,

6 wɔn nso a wogyae Awurade akyidi

na wɔnhwehwɛ Awurade anaa wommisa nʼase."

7 Monyɛ komm Asafo Awurade anim,

efisɛ, Awurade da no abɛn.

Awurade asiesie afɔrebɔde;

wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

8 "Awurade afɔrebɔ da no,

mɛtwe mmapɔmma

ne ahenemma

ne wɔn a wɔhyehyɛ

ananafo ntade nyinaa aso.

9 Saa da no mɛtwe wɔn

a wɔkwati apongua no nyinaa aso.

Wɔn a wɔde akakabensɛm

ne asisi hyehyɛ wɔn abosomfi amaama no.

10 "Saa da no,"

sɛnea Awurade se ni,

"Osu befi Mpataa Pon ano,

agyaadwotwa befi Atenae Foforo

na nnyigyei a ano den afi nkoko no so aba.

11 Muntwa adwo, mo a mote adetɔnbea no

wɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di gua ase,

dwetɛ aguadifo nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.

12 Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem mu

na matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso,

wɔn a wɔte bobesa puw no,

a wodwen se, Awurade renyɛ hwee

ɛyɛ papa anaa bɔne no.

13 Wɔbɛfom wɔn ahonyade,

na wɔabubu wɔn afi agu.

Wobesisi afi, nanso wɔrentena mu

wɔbɛyɛ bobe mfuw

nanso wɔrennom mu nsa."

Awurade Da Kɛse No

14 Awurade da kɛse no abɛn,

abɛn na ɛreba ntɛm so.

Tie! Osu a wobesu Awurade da no bɛyɛ yaw,

ɔkofo a ɔwɔ nso nteɛmu bɛyɛ saa ara.

15 Saa da no bɛyɛ abufuw da,

ɛyɛ ahoyeraw ne ɔyaw da;

ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛe da,

ɛyɛ esum ne kusukuukuu da

ɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ da,

16 ɛyɛ ntorobɛntohyɛn ne ɔko nteɛmu

a etia nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ

ne ntwɔtwɔw so abantenten da.

17 "Mede awerɛhow bɛba nnipa no so

na wɔbɛnantew anifuraefo,

efisɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.

Wobehwie wɔn mogya agu mfutuma,

na wɔn ayamde nso atantanne.

18 Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ

rentumi nnye wɔn nkwa

Awurade abufuw da no."

Ne ninkutwe mu gya no

bɛhyew ɔman no nyinaa,

na ɔbɛma asase no so tefo nyinaa nkwa

aba awiei mpofirim.

Veja também

Sofonias
Ver todos os capítulos de Sofonias