Pular para o conteúdo
Publicidade

Tiago 4

Brɛ Wo Ho Ase Ma Onyankopɔn

1 Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi fi he? Efi mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo nipadua di asi no. 2 Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno nti moayɛ mo adwene mubedi awu. Mo ani abere denneennen rehwehwɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Mo nsa renka nea morehwehwɛ no efisɛ mummisa Onyankopɔn.

Veja também