Ahohoahoa Ho Kɔkɔbɔ
13 Mo a moka se, "Nnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika" no, muntie me. 14 Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena. Mote sɛ omununkum a ɛba bere tiaa bi na ɛyera. 15 Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne se, "Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi." 16 Nanso mprempren mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo. Saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne. 17 Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.