Pular para o conteúdo
Publicidade

Tiago 5

Ahonya Ho Kɔkɔbɔ

1 Afei mo adefo nso muntie! Munsu na muntwa agyaadwo amanehunu a ɛreba mo so no ho. 2 Mo ahonya no aporɔw na nwewee awe mo ntama. 3 Mo sika ne mo dwetɛ agye nkannare na saa nkannare no bedi adanse atia mo, na ahyew mo honam ogya. Moahyehyɛ agyapade nna a edi akyiri no mu. 4 Muntuaa nnipa a wɔyɛɛ adwuma mo mfuw mu no ka enti wɔresi apini. Na wɔn apinisi no adu Onyankopɔn, Asafo Awurade no aso mu. 5 Mo asetena asase so ha afɛfɛde ne anigye. Moadɔ srade ama okum da. 6 Moabu nea ɔnnsɔre ntia mo no na onni no kumfɔ akum no.

Boasetɔ Ne Mpaebɔ

7 Me nuanom, montɔ mo bo ase nkosi Awurade bɛba. Monhwɛ sɛnea okuafo nya boasetɔ twɛn asusow bere. 8 Ɛsɛ mo nso motɔ mo bo ase. Momma mo anidaso mu nyɛ den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn. 9 Anuanom, munnni nseku ntia mo ho mo ho, na Onyankopɔn ammu mo atɛn. Hwɛ, Otemmufo no gyina ɔpon no ano.

10 Me nuanom, monkae adiyifo a wɔde Awurade din kasae no. Momfa wɔn nhwɛso wɔn boasetɔ ne tumi a wotumi de tenaa amanehunu mu no. 11 Yɛde nidi ma wɔn, efisɛ wonyaa boasetɔ. Moate Hiob boasetɔ no na munim nea Awurade de dom no awiei no; efisɛ Awurade ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.

12 Ne nyinaa akyi no, anuanom, mohyɛ a, monnka ntam nsi so. Mommfa ɔsoro anaa asase anaa biribiara nka ntam. mopɛ moka "Yiw" a, monka "Yiw." nso mopɛ moka "Dabi" a, monka "Dabi" na moamma Onyankopɔn atemmu ase.

13 Mo mu bi ɔhaw bi mu ana? Ɛsɛ saa onipa no mpae. Mo mu bi ahotɔ mu ana? Ɛsɛ ɔto ayeyi nnwom. 14 Mo mu bi yare ana? Ɛsɛ saa onipa no frɛ asafo mpanyimfo na wɔde Awurade din mpae ma no na wɔsra no ngo. 15 wɔbɔ saa mpae no gyidi mu a, ɛbɛsa ɔyarefo no yare, na Awurade bɛma no anya ahoɔden, na ne bɔne a wayɛ nyinaa, wɔde bɛkyɛ no. 16 Enti afei, monkeka mo bɔne nkyerɛ mo ho mo ho, na mommobɔ mpae mma mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsa mo yare. Onipa trenee mpaebɔ tumi nneɛma bebree.

17 Yɛte Elia a ɔbɔɔ mpae nokware mu osu nntɔ, na ampa ara osu antɔ asase no so mfe abiɛsa ne fa. 18 Ɔsan bɔɔ mpae bio maa osu maa asase nyaa nnɔbae.

19 Me nuanom, mo mu bi guan fi nokware ho na ɔfoforo de no ba bio a, 20 monkae , nea ɔdan ɔdebɔneyɛni fi nʼakwammɔne ho no gye no nkwa fi owu mu ma wɔde ne bɔne dodow no nyinaa kyɛ no.

Veja também