23 Awurade nkyɛn na menya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no sɛ, Awurade Yesu, anadwo a wɔyii no maeɛ no, ɔfaa burodo 24 na ɔdaa Onyankopɔn ase no, ɔbuu mu kaa sɛ, "Yei ne me onipadua a mede ma mo. Monyɛ yei mfa nkae me." 25 Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkaa sɛ, "Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforɔ a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Ɛberɛ biara a mobɛnom no, momfa nkae me." 26 Ɛberɛ biara a mobɛdi burodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wuo no ho asɛm kɔsi sɛ ɔbɛba.
Publicidade
1 Korintofoɔ 11:23-26
WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi
Em outras traduções
- WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea
23 Awurade nkyɛn na minya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no se Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa brodo 24 na ɔdaa Onyankopɔn ase no, obuu mu kae se, "Eyi ne me nipadua a mede ma mo. Monyɛ eyi mfa nkae me." 25 Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkae se, "Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforo a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Bere biara a mobɛnom no, momfa nkae me." 26 Bere biara a mubedi brodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wu no ho asɛm nkosi sɛ ɔbɛba.
Direitos das traduções citadas
Estes versículos te tocaram? Ore agora!
+581 estão orando agora.
Junte-se à corrente de oração.